Psalms 130

Ɔsoroforo dwom.

1 Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

2 Awurade, tie me nne.
Wɛn wʼaso
ma me nkotosrɛ.


3 Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a,
anka hena na obetumi agyina ano?

4 Nanso wowɔ bɔnefakyɛ;
ɛno nti wosuro wo.


5 Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,
na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.

6 Metwɛn Awurade
sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,
sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.


7 Israel, ma wʼani nna Awurade so,
efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ
na ogye ankasa wɔ ne mu.

8 Ɔno ankasa begye Israel
afi wɔn bɔne nyinaa mu.
Copyright information for TwiAKNA